Prempeh College

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Map

Prempeh Kɔlegye(About this soundpronounciation of "Prempeh Kɔlegye" ) yɛ aban ntoasoɔ sukuu ma mmarima a ɛwɔ Asantemantem ahenkro Kumasi wɔ ɔman Ghana mu.

Asanteman mpaninfoɔ, Enyirisi Aban, Methodist Asɔre ne Presby asɔre na ɛkaa wɔn ho bɔɔmu tee sukuu yi wɔ afe apem aha-nkron aduanan nkron mu (1949).[1]

Wɔde sukuu no too Asantehene, Otumfoɔ Sir Osei Tutu Agyeman Prempeh II, a ɔmaa asaase a wɔde sii sukuu no.[2] Wɔde Eton College a ɛwɔ Enyirisiman mu na ɛyɛɛ nhwɛsoɔ.[3]

Sukuu yi diikan wɔ nnipa dodoɔ a wɔgyee wɔn wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn mu (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu wɔ abrɛ a wɔgyee asukuufoɔ 441 na afe[4] 2012 nso, wɔgyee asukuufoɔ 296 firii Prempeh College. Dodoɔ noaa gye tum sɛ sukuu no yɛ ntosoɔ sukuu a edimu wɔ ɔman Ghana mu.[5][6][7] Sukuu no adi nkunim mprensa wɔ ɔman mu akansie a w'ato din sɛ "National Robotics Championships" ɛwɔ mpem mmienu ne du-mmiɛnsa (2013) saa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu no, Prempeh College nyaa abasobɔdeɛ kɛseɛ a wato din sɛ "Toyota Innovation Award" wɔ amanman akansie a wato din sɛ International Robofest World Championships wɔ Michigan, Amerika man mu.[8]

  1. [1] http://asantekingdom.org/history/asanteman/
  2. [2] Report on financial and physical problems of development in the Gold Coast, Dudley Seers, Claud Richard Ross,Office of the Govt Statistician, 1952
  3. [3] David Dunkley Gyimah (6 July 2007). "Amanfoo - Prempeh College". Archived from the original on 19 December 2021 – via YouTube.
  4. [4] "Prempeh College Is Producing More Scientist ..." www.ghanaweb.com. 30 November 2001.
  5. [5] http://ghanaculturepolitics.com/top-10-senior-high-schools-in-ghana-based-on-national-science-maths-quiz-winnings/
  6. [6] "History". Prempeh College. Retrieved 26 March 2015.
  7. [7] "10 Best Secondary Schools In Ghana The Last 10 Years, According To SSCE Scores". 3 February 2016.
  8. [8] "Achievements". home.amanfour.com.

From Wikipedia, the free encyclopedia · View on Wikipedia

Developed by Nelliwinne